Amos 3

Wɔfrɛ Nnansefo Tia Israel

1Muntie saa asɛm a Awurade aka atia mo yi, Israelfo, nea etia abusua a miyii wɔn fii Misraim no nyinaa:
2 “Mo nko ara na mayi mo
wɔ mmusua a ɛwɔ asase so nyinaa mu;
enti mɛtwe mo aso
wɔ mo bɔne nyinaa ho.”


3 Nnipa baanu betumi abɔ mu anantew,
wɔ bere a wɔnyɛɛ nokoro ana?

4 Gyata bobɔ mu wɔ ɔdɔtɔ ase
wɔ bere a onhuu hanam biara ana?
Ɔbobɔ mu wɔ ne tu mu
wɔ bere a ɔnkyeree hanam biara ana?

5 Anomaa bɛtɔ afiri mu wɔ fam
wɔ baabi a wonsum afiri ana?
Afiri huan konkɔn hɔ wɔ
bere a enyii aboa ana?

6 Sɛ wɔhyɛn torobɛnto wɔ kuropɔn mu a
nnipa no ho mpopo ana?
Sɛ atoyerɛnkyɛm ba kuropɔn bi mu a
ɛnyɛ Awurade na ɔyɛe ana?


7 Ampa ara, Otumfo Awurade nyɛ biribi
a ɔnna ne nhyehyɛe adi
nkyerɛ nʼAsomafo adiyifo no.


8 Gyata no abobɔ mu,
hena na onnsuro?
Otumfo Awurade akasa,
hena na ɔrenhyɛ ho nkɔm?


9 Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban
ne Misraim aban:
“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔw so;
hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ no so
ne nhyɛso a ɛwɔ ne nkurɔfo mu.”


10 “Wonnim sɛnea wɔyɛ nea eye,”
sɛnea Awurade se ni.
“Wɔde nneɛma a wɔafow ne nea wɔawia
sie wɔ wɔn aban mu.”

11Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se, “Ɔtamfo bi betwiw afa mo asase no so;
Obebubu mo bammɔ agu,
na wɔafow mo aban.”

12Nea Awurade se ni: “Sɛnea oguanhwɛfo gye
anan abien nnompe anaa aso sin pɛ
fi gyata anum no,
saa ara na wobegye Israelfo nkwa,
wɔn a wɔtete wɔn mpa ntwea so wɔ Samaria,
ne wɔn a wɔdeda nkongua pa mu wɔ Damasko no.”

13“Tie eyi, na di adanse tia Yakobfi,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade Nyankopɔn se ni.

14 “Da a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,
mɛsɛe afɔremuka a ɛwɔ Bet-El;
wobetwitwa afɔremuka no mmɛn
na abu ahwe fam.

15 Medwiriw awɔwbere mu ofi
ne ahuhurubere mu ofi agu;
na afi a wɔde asonse adura ho no wɔbɛsɛe no
na afi akɛse no nso wobebubu agu,”
sɛnea Awurade se ni.
Copyright information for TwiAKNA